Psalms 150

Kamfo Awurade

1Kamfo Awurade!
Kamfo Awurade wɔ ne fi!
Kamfo ne tumi wɔ soro!
2Kamfo no wɔ nneɛma akɛse a wayɛ no ho.
Kamfo ne kɛseyɛ.
3Momfa ntorobɛnto nkamfo no.
Momfa asanku ne bɛnta nkamfo no.
4Momfa nkyene ne asaw nkamfo no.
Momfa asanku ne mmɛn nkamfo no.
5Momfa kyɛnkyɛnn nkamfo no.
Mommɔ kyɛnkyɛnn dennen nkamfo no.
6Momma nea ɛhome nyinaa nkamfo Awurade!
Kamfo Awurade!
Copyright information for TwiNAK